Jeremiah 8

1“ ‘Saa bere no, sɛnea Awurade se ni, wobeyiyi Yuda ahemfo ne adwumayɛfo nnompe, asɔfo ne adiyifo nnompe ne Yerusalemfo nnompe afi wɔn nna mu. 2Wɔbɛsɛw no kɛtɛ wɔ owia ne ɔsram ne ɔsorosoro nsoromma nyinaa a wɔdɔe, na wɔsomee, na wodii akyi kɔɔ so abisa na wɔsɔree no ase. Wɔremmoa wɔn ano na wɔrensie wɔn; mmom, wɔbɛyɛ sɛ sumina a egugu fam. 3Baabiara a metwa saa ɔman bɔne yi nkae no asu akɔ no, wɔbɛpɛ sɛ wobewu sen sɛ wɔbɛtena nkwa mu, sɛnea Asafo Awurade se ni.’

Bɔne Ne Asotwe

4“Ka kyerɛ wɔn se, ‘Nea Awurade se ni: “ ‘Sɛ nnipa hwe ase a, wɔnsɔre ana?
Sɛ onipa dan ne ho a, ɔnsan nʼakyi ana?

5 Afei adɛn nti na saa nnipa yi adan wɔn ho?
Adɛn nti na Yerusalem dan ne ho daa yi?
Wokura nnaadaa mu pintinn;
na wɔmpɛ sɛ wɔsan wɔn akyi.

6 Mawɛn mʼaso atie,
nanso wɔnnka nea ɛteɛ.
Wɔn mu biara nnu ne ho wɔ nʼamumɔyɛ ho,
na ɔka se, “Dɛn na mayɛ?”
Obiara fa ne kwan
te sɛ ɔpɔnkɔ a ɔrepem akɔ akono.

7 Mpo aturukuku a ɔwɔ wim
nim ne mmere a wɔahyehyɛ ama no,
na asukɔnkɔn, asomfena ne agyenkuku
hu bere a wotu kɔtena baabi,
nanso me nkurɔfo nnim
nea Awurade hwehwɛ.


8 “ ‘Adɛn na mutumi ka se, “Yenim nyansa,
efisɛ yɛwɔ Awurade mmara,”
wɔ bere a akyerɛwfo kyerɛwdua torofo
de atoro adannan mu?

9 Anyansafo no anim begu ase;
wɔn ho bedwiriw wɔn na afide ayi wɔn.
Sɛ wɔapo Awurade asɛm no a,
na nyansa bɛn na wɔwɔ?

10 Mede wɔn yerenom bɛma mmarima afoforo
ne wɔn mfuw nso ama afoforo.
Efi akumaa so kosi ɔkɛse so,
wɔn nyinaa yɛ adifudepɛfo de pɛ ahonya;
adiyifo ne asɔfo te saa,
wɔn nyinaa yɛ asisifo.

11 Wɔtoto me nkurɔfo apirakuru
te sɛnea ɛnyɛ hu.
Wɔka se, “Asomdwoe, asomdwoe”
wɔ mmere a asomdwoe nni hɔ.

12 Wɔn ani wu wɔ wɔn animguase nneyɛe no ho ana?
Dabi da, wɔn ani nnwu koraa;
wonnim fɛre mpo.
Enti wɔbɛtotɔ wɔ atɔfo mu;
wɔbɛhwehwe ase, sɛ metwe wɔn aso a,
sɛnea Awurade se ni.


13 “ ‘Mɛfa wɔn twabere nnɔbae akɔ,
nea Awurade se ni.
Aba biara remma bobe nnua no so.
Aba biara remma borɔdɔma nnua no so,
ɛso nhaban begunguan.
Nea mede ama wɔn no,
wobegye afi wɔn nsam.’ ”


14 Adɛn nti na yɛtete ha?
Mommoaboa mo ho ano!
Momma yenguan nkɔ nkuropɔn a ɛwɔ bammɔ mu
na yenkowuwu wɔ hɔ!
efisɛ Awurade yɛn Nyankopɔn abu yɛn kumfɔ
na wama yɛn nsu a awuduru wɔ mu sɛ yɛnnom,
efisɛ yɛayɛ bɔne atia no.

15 Yɛhwɛɛ kwan sɛ yebenya asomdwoe
nanso biribi pa biara amfi mu amma,
yɛhwɛɛ ayaresabere kwan
nanso ehu nko ara na ɛkaa yɛn.

16 Wɔte atamfo no apɔnkɔ home
fii Dan;
na wɔn apɔnkɔnini su
ma asase no nyinaa wosow.
Wɔaba sɛ wɔrebɛsɛe
asase no ne so nneɛma nyinaa,
kuropɔn no ne wɔn a wɔtete mu nyinaa.


17 “Hwɛ, mɛsoma awɔ a wɔn ano wɔ bɔre aba mo mu,
nhurutoa a wontumi nnwudwo wɔn,
na wɔbɛkeka mo,”
nea Awurade se ni.


18 Wone mʼawerɛhow mu Werɛkyekyefo,
me koma abotow wɔ me mu.

19 Tie me nkurɔfo sufrɛ;
a efi akyirikyiri asase so:
Awurade nni Sion ana?
Ne Hene no nni hɔ bio ana?”

“Adɛn nti na wɔde wɔn nsɛsode ahyɛ me abufuw,
wɔn ananafo ahoni huhuw no?”


20 “Otwabere no atwa mu,
ahuhuru bere no aba awiei,
na wonnnyee yɛn nkwa.”


21 Sɛ wɔadwerɛw me nkurɔfo no nti, wɔadwerɛw me;
midi awerɛhow, na ahodwiriw akyekyere me.

22 Aduru bi nni Gilead ana?
Ɔyaresafo bi nni hɔ ana?
Na afei adɛn nti na ayaresa nni hɔ
mma me nkurɔfo apirakuru?
Copyright information for TwiAKNA